fie.nipa,

Tom and Jerry awaree - Kojo Antwi

"Tom and Jerry awaree - Kojo Antwi" amandia chiyani?

"Tom and Jerry awaree - Kojo Antwi" amandia nyimbo .

Mawa, ife tidzaimba "Tom and Jerry awaree - Kojo Antwi".

Mawu.

Ɔhu me foforɔ no ɔse ɔbɛku ne ho ama me
Nfitiaseɛ no, na ɔse ɔbɛsi adansoro ama me
Na ɛba no sɛn na patapaa abɔ me yi o
Yɛhyɛ ɔdɔ ase no na ɔma me breakfast in bed
Afei deɛ good morning mpo abɔ me ei
Ɛyɛ ampa sɛ ɔdɔ sa a, na ato adapaa o, na ato adapaa o
Ɔde m’anim adane punching bag
Daabi ara, daabi ara, ne twɛdeɛ hyɛ ntoma mu
Madi m’akoma akyi, de ahoroma akɔ sɛn me kɔn o
Adeɛ … na aware me yi a
Ɛneɛ mɛsan akɔ di me sugya o
Tom and Jerry awareɛ deɛ mentumi o
Mentumi o, frɛ me na me sugya

Ɔdɔ ei, woboa o (2x)
Ɛyɛ wo sɛ worebɛgyae me ama me ho atete a
Ɛneɛ woboa o
Ɔdɔ ei, wobɛfɛre o (2x)
Ɛyɛ wo sɛ worebɛpa me ama m’anim agu ase a
Ɛneɛ wobɛfɛre o

One-time

Eyo Auntie wɔaka wo deɛ ma me nso menkasa me deɛ

Yie, ɔbaa wei yi, nansa yi, ne suban asesa
Ɔte TV anim ara ma adeɛ asa
Mebisa no asɛm a ɔde ne ti na ɛgye so
Ɔmmue n’ano koraa na wɔakasa
Ama mahu sɛ, yɛ dɔ yi gya adum o

Ɔde m’anim adane doormat
Abɔnten koraa, na watwa abɔ me
Meka baako a, na wɔaka adu, wɔaka ten o
Ɔkɔ da anadwo nnɔnkron a, ɔsere anɔpa nnɔndu
Tom and Jerry awareɛ deɛ mentumi o
Mentumi o, frɛ me na me sugya

Uuh uuh, Opoku nfa ne kunu, sɛ medware a, me ho mpae o
Wei deɛ mentumi o
Opoku nfa ne kunu, Mr. Opoku nfa ne kunu ??
Sɛ medware a, me ho mpae o
Yei deɛ mentumi o

Rap verse
Awareɛ akɔ aba ama adeɛ asa bɛ sugya
Madi gya
M’ani so ayɛ me hegya hegya
Madi afofanto yi akyi akɔ ka asuogya
I swear, baby, you lie bad
You can’t show me red card
W’ahoɔfɛ de ne wobɛkɔ na wo suban de wo aba
Abɔ me brass band
Onua, menya bi akasi, aha deɛ, wose sɛn
Tom and Jerry aware, baby, kyerɛ ma mensen

Awowɔ wɔhyɛ begya yaanom o, mpaninfoɔ ei (loop)

(Me nuanom mmaa, monto mma yɛntie ɛ)
2x
Uuh, uuh, uuh, ɛneɛ woboa o
Ɛyɛ wo sɛ worebɛgyae me ama me ho atete a, ɛneɛ woboa o
Uuh, uuh, uuh, yee woboa o
Ɛyɛ wo sɛ worebɛpaa me ama m’anim agu ase a, ɛneɛ woboa o

(Macho boys …)
2x
Uuh, uuh, Opoku nfa ne kunu
Sɛ medware a, me ho mpae o, wei deɛ mentumi o

Aheee, Opoku nfa ne kunu
Sumɔ kɛkɛ ni misumo bo, kɛja kɛ minluu
Aheee, Opoku nfa ne kunu
Opoku nfa ne kunu
till fade

© Kojo Antwi
<< M'Mbuyomu